Koso Na Koso

3 views

Lyrics

Kɔso ara na kɔso (ooohh ooohh)
 Kɔso ara na kɔso (oohh oohh)
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Kɔso araa kɔso (oohh oohh)
 Nkuranhyɛ nnipa na ɛhyɛ
 Nanso awerɛkyekyerɛ deɛ efiri Onyame nkyɛn
 Yiedie nso ho nni kwati kwan
 Ne nyinaa ne Nyame asɛm
 Susu fa wo ho to nnipa so ɛ
 Nnipa mmoa nso yɛ ade ketewa bi
 Nanso yɛte nkwa yi mu deɛ
 Anidaso wɔ hɔ ma obiara
 ♪
 Dibea ne tebea nso tumi sesa
 Nkunim ahyɛnsodeɛ nso ne ntoboaseɛ
 Enti Onyame ba eh
 Ɛyɛ a hyɛ wo ho den
 Efrisɛ ɔbra yɛ ɔko ooh
 Enti fa Yesu yɔnko ooh
 Fa w'akwan hyɛ Yehowa nsa
 Ɔnoa na ɔbɛyɛ ooh
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi (anidasoɔ nnya nsa yɛ)
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi deɛ (anidaso wɔ hɔ ma obiaa)
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi (anidasoɔ nnya nsa yɛ)
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi deɛ (anidaso wɔ hɔ ma obiaa)
 Keep on keeping on
 Kɔso arara na kɔso kɔso kɔso uuu yeah yeah
 Keep on keeping on
 Sɛ Efiada amenhunu nso amma a
 Anka Kwasiada sɔreɛ nso nni hɔ
 Anuonyam a enni abakɔsɛm no
 Ɛyaa na enni nnyinasoɔ
 Nanso ketewa a Nyame nsa wo mu no
 Ɛyɛ sene kɛseɛ a bonsam ehyira so
 Enti kɔso ara na kɔso
 Anidaso wɔ hɔ ma obiara
 Sɛ fiada amenhunu nso amma a
 Anka kwasiada sɔreɛ nso nni hɔ
 Anuonyam a enni abakɔsɛm no
 Ɛyaa na enni nnyinasoɔ
 Nanso ketewa a Nyame nsa wo mu no
 Ɛyɛ mpo sene kɛseɛ a bonsam de akyɛ kwa
 Enti kɔso ara na kɔso
 Anidaso wɔ hɔ ma obiara
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi (anidasoɔ nnya nsa yɛ)
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi deɛ (anidaso wɔ hɔ ma obiaa)
 Keep on keeping on
 Keep on keeping on
 I keep on keeping
 I keep on going
 Keeping on, on
 So long as we live
 There is hope for everyone
 Keep on keeping on
 Keep on keeping on
 I keep on keeping
 I keep on going
 Keeping on, on
 So long as we live
 There is hope for everyone
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi (anidasoɔ nnya nsa yɛ)
 Kɔso ara na kɔso (Onyame ba eii)
 Yɛte nkwa mu yi deɛ (anidaso wɔ hɔ ma obiaa)
 Mma woaba mu mmu (Onyame ba eii)
 Nya gyidi wɔ no mu (anidasoɔ nnya nsa yɛ)
 Ɔbɛyɛ, ɔbɛyɛ, ɔbɛyɛ ama wo o (Onyame ba eii)
 Onyame ba eh (anidaso wɔ hɔ ma obiaa)
 Onyame ba eii
 Anidasoɔ nnya nsa yɛ
 Onyame ba ei
 

Audio Features

Song Details

Duration
05:10
Key
8
Tempo
90 BPM

Share

More Songs by Minister OJ

Similar Songs