W' agye Me

3 views

Lyrics

Menua wokae amaneɛ bi a, ɛto me no ah
 Sɛ wokae nsɔhwɛ bi a, mekɔ mu no ah
 Ɔsu ne ɔbrɛguo, ɔhweɛ ne atetee
 Ahokyerɛ nea mɛdie mpo
 Ɛyɛ a na ɛho ayɛden ahah
 Wobɛhunu me na m'ayɛ fɛfɛɛfɛ
 Nanso nea menam mu no
 Na obiaa nnim oo
 Nyame W'agye me (W'agye me o)
 Me Nyame W'ayi me (W'ayi me o)
 Afiri ɔhaw bi mu
 Yesu W'agye me (W'agye me o)
 Mese me Nyame W'ayi me (W'ayi me o)
 Afiri ɔhaw bi mu
 ♪
 Onyame nsa wɔ me so
 Nti sɛ na daa Ɔkasa kyerɛ me
 Nanso m'Adwoa, na mente Ne nne oo
 Nea mefa mu nyinaa
 Na Ɔde N'ani na ɛhwɛ meɛ
 Ɔsu ne ɔbrɛguo, ɔhweɛ ne atetee
 Ahokyerɛ nea mɛdie mpo
 Ɛyɛ a na ɛho ayɛden ahah
 Wobɛhunu me na m'ayɛ fɛfɛɛfɛ
 Nanso nea mekɔ mu no
 Na obiaa nnim oo
 Me Nyame W'agye me (W'agye me o)
 Me Nyame W'ayi me (W'ayi me o)
 Afiri ɔhaw bi mu
 Nanka mensɛ menfata koraa (W'agye me o)
 Ɔhianiwaa mmɔbrɔni... (W'ayi me o)
 Afiri ɔhaw bi mu
 ♪
 Menua ma menni ɔdɔfopa yi ho adanseɛ nkyerɛ woɛ
 Tie wo nsɔhwɛ mu paa no ah
 Na ɔbɛn wo
 Abrabɔ n'ahyɛaseɛ no, na wonni ɔdɔfoɔ bi ara
 Mese wɔn a wode w'ani too wɔnso no
 Wɔn nyinaa ahwete oh
 Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba
 Nanso ɛnyina... aheh
 Ah ɔsu ne ɔbreguo, ɔhweɛ ne atetee yi
 Ahokyerɛ nea wo bɛdie mpo
 Ɛyɛ a na ɛho ayɛden ahah
 Yɛbɛhunu wo na w'ayɛ fɛfɛɛfɛ
 Nanso nea wokɔ mu no
 Na obiaa nnim o
 Me Nyame W'agye me (W'agye me o)
 Nyame W'ayi me (W'ayi me o)
 Afiri ɔhaw bi mu
 Jesus W'agye me o... (W'agye me o)
 Nyame W'ayi me (W'ayi me o)
 W'agye me o... (W'agye me o)
 Yesu W'ayi me (W'ayi me o)
 Nanka mensɛ menfata koraa (W'agye me o)
 Ɔhianiwaa mmɔbrɔni... (W'ayi me o)
 Afiri ɔhaw bi mu
 

Audio Features

Song Details

Duration
04:12
Key
3
Tempo
199 BPM

Share

More Songs by Obaapa Christy

Similar Songs