Obeye Ama Wo

3 views

Lyrics

Mmerɛ bi baeɛ
 Na me wɔ ntwɛtwɛdɛ
 Na bɔne ne osum ahyɛ m'akoma mu ma
 Na bonsam afa me numom
 Na me yɛ ɔyera ba
 Mede me tiri pempem
 Na mehunu amanneɛ
 Ɛnnɛ mɛhyia agyenkwa Yesu ama
 W'apepa m'aniwa mu nisuo
 Mɛhyia agyenkwa Yesu ama
 W'asa me yarewa nyinaa
 Enti W'ayɛ ama me a (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
 Yesu W'aka ama me a (Ɔbɛka ama wo nso)
 Enti fa wo haw nyinaa ara (Fa bra Awurade anim)
 Fa wonkwana nyinaa ara (Fa bra Yesu nkyɛn)
 Enti (Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo)
 Jesus (Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo)
 Ɛfiri sɛ (Ɔyɛ Onyame a)
 Ɔyɛ Onyame (Ɔtim hɔ daa)
 Me Nyankopɔn (Ɔyɛ Onyame a)
 Ɔyɛ Yehowa (Ɔnsakyera da)
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Enti sɛ ɛtwentwen ne nan ase
 Me nua mɛmpaba
 Ɔyɛ Onyame Ɔyɛ N'adeɛ wɔ Ne mmerɛ mu
 Sɛdeɛ Ɔyɛ ma Hanna no (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
 Sɛdeɛ Ɔyɛ ma Sara no (Ɔbɛka ama wo nso)
 Sɛdeɛ Ɔyɛ ma Shadrach, Mesach ne Abednego (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
 Sɛdeɛ Ɔyɛ ma obiaa (Ɔbɛka ama wo nso)
 W'ayɛ ama me (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
 Enti fa wo haw nyinaa ara (Fa bra Awurade anim)
 Fa wo da dwene ne wonkwana nyinaa ara (Fa bra Yesu nkyɛn)
 Ɛfiri sɛ (Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo)
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔyɛ Onyame a
 Ɔtim hɔ daa
 Ɔyɛ Onyame a
 Ɔnsakyera da
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
 ♪
 Awurade bɛyɛ bɛyɛ
 Enti si aboterɛ na twɛn
 Ɛkyɛkyɛ koraa
 Ɛbɛba mu
 Awurade bɛyɛ bɛyɛ
 Enti si aboterɛ na twɛn
 Ɛkyɛkyɛ koraa
 Ɛbɛba mu
 Awurade bɛyɛ bɛyɛ
 Enti si aboterɛ na twɛn
 Ɛkyɛkyɛ koraa
 Ɛbɛba mu
 Awurade bɛyɛ bɛyɛ
 Enti si aboterɛ na twɛn
 Ɛkyɛkyɛ koraa
 Ɛbɛba mu
 

Audio Features

Song Details

Duration
04:30
Key
1
Tempo
103 BPM

Share

More Songs by Ohemaa Mercy

Similar Songs