Eboboba

3 views

Lyrics

Ɛrebobɔba, bɔnefoɔ awieeɛ ɛrebobɔba
 Ɛrebobɔba, sika a woregye yi ɛrebobɔba o
 Ɛrebobɔba, aborɔ a worebɔ yi ɛrebobɔba
 Ɛrebobɔba, 'bayigorɔ a woregoro yi ɛrebobɔba
 Ɛfiri nyame a ɛbɛgyina o
 Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ
 (Nyame ba yɛ kommm)
 Ɛfiri Nyame a ɛbɛgyina o
 Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ, hwɛ
 (Wo deɛ yɛ dinn)
 Onyame na ɔka onnibie asɛm (ɔka)
 Na ɔdi onnibie asɛm (ɔdi) hwɛ
 (Wo deɛ yɛ kommm)
 Wo deɛ kɔ so ara na bɔ mpaeɛ o (ɔka o) hey
 Bɔ mpaeɛ o (ɔdi) ka w'asɛm nyinaa (wo deɛ) kyerɛ (yɛ dinn) ɔno ara
 Ɛrebobɔba, ayaresa a worepɛ yi, ɛrebobɔba
 Ɛrebobɔba, awoɔ a worepɛ yi, ɛrebobɔba o
 Ɛrebobɔba, nhyira a worepere, nam kwan so, hwɛ!
 Ɛrebobɔba, wo mpaebɔ nyiano ɛrebobɔba
 Eh, w'animuonyam no ɛ (ɛrebobɔba)
 Awoɔ a worehwehwɛ no eh (ɛrebobɔba)
 W'adesrɛdeɛ no (wo deɛ) nam kwan so eh (yɛ kommm)
 Oh, awarepa o, ei (ɛrebobɔba)
 W'animuonyam o, ei (ɛrebobɔba)
 W'akomaso adeɛ no (wo deɛ) nam (yɛ dinn) kwan so, reba o
 Ɛnhwɛ obi yieyɛ a wayɛ o
 Na mfa mmɔ Onyame soboɔ da
 (Ɛkaa kitikitikiti nka metɔɔ baha wɔ me nsɔhwɛ berɛ mu)
 Me ne me nua na ɛhyɛɛ ɔbra yi ase
 Yɛretwɛn Nyame anim sɛ ɔbɛboa yɛn
 Anni nnaanu, na anni nnansa o, ei
 (Menua yi ayɛ yie tam)
 Na adɛn? Ɛyɛɛ deɛn baa no sɛn?
 Na ɔsoro nyinaa atie no ntɛm yi?
 Me nua yi se meresɛe me mmerɛ, ah
 Sɛɛ watɔn ne kra ama ɔbonsam
 Afei ɔda a, ɔnna
 Fa wo ho bɔ Nyame na wo ho ntɔ wo, wo ho ntɔ wo o, hwɛ
 (Fa wo ho bɔ Nyame na wo ho ntɔ wo)
 (Fa wo ho bɔ Yesu na wo ho ntɔ wo)
 Yesu nkwagyeɛ wɔ hɔ ma, obi biara
 Ɛrebobɔba, kɛtaasehyɛ a woreyɛ yi, ɛrebobɔba
 Ɛrebobɔba, dwrimdi kankan yi, ɛrebobɔba
 Ɛrebobɔba, bribe a woregye yi, ɛrebobɔba o
 Ɛrebobɔba, yɛka a wonte yi, ɛrebobɔba
 (Ɛfiri Nyame a ɛbɛgyina o)
 Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ
 (Nyameba yɛ kommm)
 Ɛfiri Nyame a ɛbɛgyina o
 Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ, hwɛ
 (Wo deɛ yɛ dinn)
 Wo nso wo nhyira no reba o (ɛrebobɔba)
 W'aware pa no rebobɔba (ɛrebobɔba, wo deɛ yɛ kommm)
 Wo nso wo nhyira no reba o (ɛrebobɔba)
 Ɛrebobɔba, ɛrebobɔba, ɛrebobɔba (ɛrebobɔba, wo deɛ y3 dinn)
 (Ɛrebobɔba, ɛrebobɔba, wo deɛ yɛ kommm)
 Deɛ ɔtwɛn Awurade anim nya ahoɔden foforɔ (ɛrebobɔba)
 Ɔte sɛ ɔkɔdeɛ a ɔmmrɛ da o (ɛrebobɔba)
 Afei na me nso me nhyira berɛ aso o (wo deɛ yɛ dinn) me nua
 Afei na me nso m'aware pa berɛ aso (ɛrebobɔba)
 M'animuonyam berɛ aso o (ɛrebobɔba)
 Afei na me (wo) nso (deɛ) me (yɛ) nhyira (kommm) berɛ aso, ah
 Ao, yɛnkɔ ɛ (ɛrebobɔba, ɛrebobɔba, wo deɛ yɛ dinn)
 

Audio Features

Song Details

Duration
04:18
Key
1
Tempo
105 BPM

Share

More Songs by Patience Nyarko

Similar Songs